2
kakraabi a afei deɛ ayɛ den ama wɔn sɛ, wɔbɛsua kasa foforɔ, anya adwuma ayɛ, na woahunu sɛ, wɔte yie. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, baabi a wɔtie Mmaa a wɔwɔ anidasoɔ Dwumadie wɔ kasa a wɔpɛ paa wɔ “Internet, cassettes, CDs, ne Germany man mu mpo wɔ telefon so. 16 Akwanya a enni hɔ ma apɔmuoden ne adesua nteteɛ bɛba fɔm ama aman a,, ntɔkwa aseɛ hɔ. Sɛ woyi mmaa ɔha a wɔkɔ awoeɛ a, emu baako hwere ne nkwa wɔ Afganistan, deɛ ɛdi anim paa wɔ wiase afanan nyinaa, Tukɔtenafoɔ mpempem tete ntomadan mu wɔ tukɔtenafoɔ nsraban mu, Bɔ mpaeɛ ma asetena papa, aduane ne ntaade pa ma mmaa ne wɔn mmɔfra. 17 Mmaa a wɔwɔ aman a wɔrebɔ mmɔden asiesie hɔ wɔ ntɔkwa a esii hɔ no akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn ano bɛduru dwam, a fa wɔn man no daakye ho. Bɔ mpaeɛ sɛ, mmaa akandifoɔ bɛnya akokuoduro de abɔ mmaa ne wɔn mma ho ban wɔ wɔn man mu. 18 Akandifoɔ bɛma mmɔfra ho nsɛm ahia wɔn paa akyɛn biribiara, na wosisi adesua nteteɛbea ne atenaeɛ a nsupa ne apɔmuonden hwɛ wɔ mu. Bɔ mpaeɛ ma nkwadaa a wɔhyɛ wɔn ma wɔkɔyɛ asraafoɔ, na yɛkyerɛ sɛdeɛ yɛkum nnipa. Bɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛtumi adwane afiri wɔn a woafa wɔn nnɔmum no nsam, wɔbɛnya banbɔ na woatumi ama wɔn werɛ afiri awurukasɛm a ɛhunahuna wɔn no. 19 Nyankopɔn Honhom bɛfa aman a, ntɔkwa ama hɔ ateteapansam, de ɔgyeɛ aba wɔn adwene ne wɔn akoma mu, de nkabɔmu nso abrɛ abusua. Bɔ mpaeɛ sɛ wɔn a wɔnyaa nkwa firii awudie, ntɔkwa, abusua ntawantawa, mpaepaemu, apereapereɛ, ɔsom ne amanyɔsɛm, ntɔkwako faahodie nyinaa bɛka abom de ɔgyeɛ ne asomdwoeɛ ama wɔn mma. 20 Liberia mmaa a wɔhia nteteɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ, a wɔbɛtumi ahwɛ wɔn abusuafoɔ. Bɔ mpaeɛ ma Liberia akandifoɔ wɔ berɛ a, wɔrepɛ adesua mu nteteɛ pa ne apolisifoɔ papa a, wɔbɛbɔ mmaa ho ban afiri ateetee ne mmɔnaatoɔ mu. 21 Asom ahodoɔ a ɛwɔ aman a ntɔkwa aseɛ hɔ no bɛyɛ ɔkwan a, ɛbɛkyerɛ Nyankopɔn dɔ ne n”asomdwoeɛ ama nnipa a, wɔhia mmoa. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔkyɛ adan, ataadeɛ, aduane ne adesua mu nteteɛ ma nyanka ne akunafoɔ. (Mateo 25:35-36). Bɔ mpaeɛ sɛ Nyame Honhom bɛma wɔn anidasoɔ wɔberɛ a emu ayɛ den no. 22 Syria abusuakuo a yɛhyɛ wɔn sɛ wɔnfa wɔn mmaa mma awadeɛ nfa ntua dan ka. http://www.trust.org/ item/?map=child-marriage-on-rise-among-syrian-refugees-aid-groups. 23 Banbɔ mma North Koreafoɔ a ɛnam ɛkɔm nti, woadwane akɔpue afiri China man mu. Wɔsusu sɛ wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem ahaasa na wokɔsie wɔ China. Sɛ aman mpaninfoɔ hunu wɔn a, wɔbɛsan de wɔn akɔ North Korea. Wɔn mu dodoɔ no ara M maa a, ntɔkwa Yɛrebɔ mpaeɛ ama … Sanaa Bosome 2013 Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ dawubɔ dwumadie kɔ wɔ kasa hodoɔ bɛyɛ aduosia mu. Aman aduoson na wɔde PH bosome mpaebɔ asranaa no yɛ dwuma. A Ministry of TWR Twi na wɔbɛtumi ahyia owuo asotwe. Bɔ mpaeɛ ma North Koreafoɔ a wɔte South Korea no sɛ wɔbɛte Nyankopɔn dɔ ne ne Nkwagyeɛ. 24 Mmaa ne mmamyewa a wɔwɔ tukɔtena nkuro so ne so ne ayaresabea ahodoɔ na, wɔrepɛ ayaresa ɛnam sɛ, woapira paa wɔ mɔnaatoɔ a, wɔtoo wɔn, na akɔhia sɛ, wɔyɛ wɔn apireshen de siesie dɛm a woadie no. Wɔn a wɔhyia saa mmɔnaatoɔ yi mu dodoɔ no ara firi wɔn fie mu a, wɔnnim kwan a, wɔbɛfa so abɔ wɔn bra mpo. 25 Nokorɛdie ne ayamyɛ bɛhyɛ ahenfo ne wɔ a tumi wɔ wɔn nsam nyinaa, na yɛatenaase komm, na yɛn ho adwo yɛn, oyamesom pa ne abrabɔ a, ɛho yɛ nyam nyinaa mu. (1Timoteo 2:2) Mma wo werɛ mfiri tumi a, ɛwɔ mpaebɔ mu. “Ohene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ” (Mmebusɛm 21:1). 26 Aduane ne ahummɔborɔ mmoa bɛduru nnipa a wɔhia paa no nkyɛn, kyɛn sɛ, ɛbɛkɔ akɔdi asraafoɔ ne akandifoɔ wɔ aman bi so a, wɔkyene wɔn manfoɔ kɔm de pɛ mmoa mmoa firi aman foforɔ so. 27 Project Hannah kuo mma a wɔreboaboa wɔn ho atu kwan akɔ Europe aman nhyiamu wɔ German man mu wɔ Bosome da a, ɛtɔ so mmienu de kɔsi da a, ɛtɔ so nsia. (September 2-6) 28 Mmaa a woadwane afiri ntɔkwa ne ammamerɛ bɔne no bɛnya Nyankopɔn asomdwoeɛ wɔ Hanna fie ahodoɔ a, ɛwɔ Sweden man mu. Bɔ mpaeɛ sɛ, wɔbɛgye Oyankopɔn Nkwagyeɛ akyɛdeɛ no atom. 29 Asraafoɔ yerenom ne wɔn mma a, wɔkum wɔn anaasɛ wɔpiraae paa wɔ bere a, na wɔreko agye mmɔborɔfoɔ na woagye faahodie ama nnipa nyinaa. 30 Akristofoɔ a woadi amia, ahyia nhyɛsoɔntrasoɔ na woabisa sɛ, yɛmmɔ mpaeɛ mma wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛtumi anya anigyeɛ wɔ ɔhaw a woafa mu nyinaa ne sɛ, wɔbɛdi nokorɛ akɔsi awieɛ. Bɔ mpaeɛ sɛ, wɔn a wɔteetee wɔn, hyehye wɔn adan ne wɔn nnwuma, ne nsɔre ahodoɔ nso bɛhunu Kristo sɛ, ono nko ara ne. Nyankopɔn, na woafiri esum mu aba hann mu. 31 Nyankopɔn akwankyerɛ ne n”ahoɔden mma Project Hannah adwumayɛfoɔ ne ahofamafoɔ a wɔwɔ aman a, ntɔkwa ama hɔ ateteapansam. Bɔ mpaeɛ ma wɔn banbɔ ne akokuoduro wɔ bere a, wɔne mmaa ne nkwadaa repɛ awerɛhyɛm nam Kristo dɔ ne ne tumi so. Bɔ mpaeɛ sɛ, nnipa dodoɔ no ara bɛsua sɛdeɛ wɔde wɔn ho bɛto Kristo so, na wɔne No anante wɔ wɔn daadaa abrabɔ mu. anya wɔn so tumi

16 anya wɔn so tumi 26 18 27 filekakraabi a afei deɛ ayɛ den ama wɔn sɛ, wɔbɛsua kasa foforɔ, anya adwuma ayɛ, na woahunu sɛ, wɔte yie. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔwɔ akyirikyiri,

  • Upload
    others

  • View
    0

  • Download
    0

Embed Size (px)

Citation preview

Page 1: 16 anya wɔn so tumi 26 18 27 filekakraabi a afei deɛ ayɛ den ama wɔn sɛ, wɔbɛsua kasa foforɔ, anya adwuma ayɛ, na woahunu sɛ, wɔte yie. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔwɔ akyirikyiri,

kakraabi a afei deɛ ayɛ den ama wɔn sɛ, wɔbɛsua kasa foforɔ, anya adwuma ayɛ, na woahunu sɛ, wɔte yie. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, baabi a wɔtie Mmaa a wɔwɔ anidasoɔ Dwumadie wɔ kasa a wɔpɛ paa wɔ “Internet, cassettes, CDs, ne Germany man mu mpo wɔ telefon so.

16 Akwanya a enni hɔ ma apɔmuoden ne adesua nteteɛ bɛba fɔm ama aman a,, ntɔkwa aseɛ hɔ. Sɛ woyi mmaa ɔha a

wɔkɔ awoeɛ a, emu baako hwere ne nkwa wɔ Afganistan, deɛ ɛdi anim paa wɔ wiase afanan nyinaa, Tukɔtenafoɔ mpempem tete ntomadan mu wɔ tukɔtenafoɔ nsraban mu, Bɔ mpaeɛ ma asetena papa, aduane ne ntaade pa ma mmaa ne wɔn mmɔfra.

17 Mmaa a wɔwɔ aman a wɔrebɔ mmɔden asiesie hɔ wɔ ntɔkwa a esii hɔ no akyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn ano bɛduru

dwam, a fa wɔn man no daakye ho. Bɔ mpaeɛ sɛ, mmaa akandifoɔ bɛnya akokuoduro de abɔ mmaa ne wɔn mma ho ban wɔ wɔn man mu.

18 Akandifoɔ bɛma mmɔfra ho nsɛm ahia wɔn paa akyɛn biribiara, na wosisi adesua nteteɛbea ne atenaeɛ a nsupa

ne apɔmuonden hwɛ wɔ mu. Bɔ mpaeɛ ma nkwadaa a wɔhyɛ wɔn ma wɔkɔyɛ asraafoɔ, na yɛkyerɛ sɛdeɛ yɛkum nnipa. Bɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛtumi adwane afiri wɔn a woafa wɔn nnɔmum no nsam, wɔbɛnya banbɔ na woatumi ama wɔn werɛ afiri awurukasɛm a ɛhunahuna wɔn no.

19 Nyankopɔn Honhom bɛfa aman a, ntɔkwa ama hɔ ateteapansam, de ɔgyeɛ aba wɔn adwene ne wɔn akoma

mu, de nkabɔmu nso abrɛ abusua. Bɔ mpaeɛ sɛ wɔn a wɔnyaa nkwa firii awudie, ntɔkwa, abusua ntawantawa, mpaepaemu, apereapereɛ, ɔsom ne amanyɔsɛm, ntɔkwako faahodie nyinaa bɛka abom de ɔgyeɛ ne asomdwoeɛ ama wɔn mma.

20 Liberia mmaa a wɔhia nteteɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ, a wɔbɛtumi ahwɛ wɔn abusuafoɔ. Bɔ mpaeɛ ma Liberia akandifoɔ

wɔ berɛ a, wɔrepɛ adesua mu nteteɛ pa ne apolisifoɔ papa a, wɔbɛbɔ mmaa ho ban afiri ateetee ne mmɔnaatoɔ mu.

21 Asom ahodoɔ a ɛwɔ aman a ntɔkwa aseɛ hɔ no bɛyɛ ɔkwan a, ɛbɛkyerɛ Nyankopɔn dɔ ne n”asomdwoeɛ ama

nnipa a, wɔhia mmoa. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔkyɛ adan, ataadeɛ, aduane ne adesua mu nteteɛ ma nyanka ne akunafoɔ. (Mateo 25:35-36). Bɔ mpaeɛ sɛ Nyame Honhom bɛma wɔn anidasoɔ wɔberɛ a emu ayɛ den no.

22 Syria abusuakuo a yɛhyɛ wɔn sɛ wɔnfa wɔn mmaa mma awadeɛ nfa ntua dan ka. http://www.trust.org/

item/?map=child-marriage-on-rise-among-syrian-refugees-aid-groups.

23 Banbɔ mma North Koreafoɔ a ɛnam ɛkɔm nti, woadwane akɔpue afiri China man mu. Wɔsusu sɛ wɔn dodoɔ bɛyɛ

mpem ahaasa na wokɔsie wɔ China. Sɛ aman mpaninfoɔ hunu wɔn a, wɔbɛsan de wɔn akɔ North Korea. Wɔn mu dodoɔ no ara

M maa a, ntɔkwa

Yɛrebɔ mpaeɛ ama …

Sanaa Bosome 2013Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ dawubɔ dwumadie kɔ wɔ kasa hodoɔ bɛyɛ aduosia mu. Aman aduoson na wɔde PH bosome mpaebɔ asranaa no yɛ dwuma.

A Ministry of TWR

Twi

na wɔbɛtumi ahyia owuo asotwe. Bɔ mpaeɛ ma North Koreafoɔ a wɔte South Korea no sɛ wɔbɛte Nyankopɔn dɔ ne ne Nkwagyeɛ.

24 Mmaa ne mmamyewa a wɔwɔ tukɔtena nkuro so ne so ne ayaresabea ahodoɔ na, wɔrepɛ ayaresa ɛnam sɛ,

woapira paa wɔ mɔnaatoɔ a, wɔtoo wɔn, na akɔhia sɛ, wɔyɛ wɔn apireshen de siesie dɛm a woadie no. Wɔn a wɔhyia saa mmɔnaatoɔ yi mu dodoɔ no ara firi wɔn fie mu a, wɔnnim kwan a, wɔbɛfa so abɔ wɔn bra mpo.

25 Nokorɛdie ne ayamyɛ bɛhyɛ ahenfo ne wɔ a tumi wɔ wɔn nsam nyinaa, na yɛatenaase komm, na yɛn ho adwo yɛn,

oyamesom pa ne abrabɔ a, ɛho yɛ nyam nyinaa mu. (1Timoteo 2:2) Mma wo werɛ mfiri tumi a, ɛwɔ mpaebɔ mu. “Ohene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ” (Mmebusɛm 21:1).

26 Aduane ne ahummɔborɔ mmoa bɛduru nnipa a wɔhia paa no nkyɛn, kyɛn sɛ, ɛbɛkɔ akɔdi asraafoɔ ne akandifoɔ

wɔ aman bi so a, wɔkyene wɔn manfoɔ kɔm de pɛ mmoa mmoa firi aman foforɔ so.

27 Project Hannah kuo mma a wɔreboaboa wɔn ho atu kwan akɔ Europe aman nhyiamu wɔ German man

mu wɔ Bosome da a, ɛtɔ so mmienu de kɔsi da a, ɛtɔ so nsia. (September 2-6)

28 Mmaa a woadwane afiri ntɔkwa ne ammamerɛ bɔne no bɛnya Nyankopɔn asomdwoeɛ wɔ Hanna fie ahodoɔ

a, ɛwɔ Sweden man mu. Bɔ mpaeɛ sɛ, wɔbɛgye Oyankopɔn Nkwagyeɛ akyɛdeɛ no atom.

29 Asraafoɔ yerenom ne wɔn mma a, wɔkum wɔn anaasɛ wɔpiraae paa wɔ bere a, na wɔreko agye mmɔborɔfoɔ na

woagye faahodie ama nnipa nyinaa.

30 Akristofoɔ a woadi amia, ahyia nhyɛsoɔntrasoɔ na woabisa sɛ, yɛmmɔ mpaeɛ mma wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ na

wɔbɛtumi anya anigyeɛ wɔ ɔhaw a woafa mu nyinaa ne sɛ, wɔbɛdi nokorɛ akɔsi awieɛ. Bɔ mpaeɛ sɛ, wɔn a wɔteetee wɔn, hyehye wɔn adan ne wɔn nnwuma, ne nsɔre ahodoɔ nso bɛhunu Kristo sɛ, ono nko ara ne. Nyankopɔn, na woafiri esum mu aba hann mu.

31 Nyankopɔn akwankyerɛ ne n”ahoɔden mma Project Hannah adwumayɛfoɔ ne ahofamafoɔ a wɔwɔ aman

a, ntɔkwa ama hɔ ateteapansam. Bɔ mpaeɛ ma wɔn banbɔ ne akokuoduro wɔ bere a, wɔne mmaa ne nkwadaa repɛ awerɛhyɛm nam Kristo dɔ ne ne tumi so. Bɔ mpaeɛ sɛ, nnipa dodoɔ no ara bɛsua sɛdeɛ wɔde wɔn ho bɛto Kristo so, na wɔne No anante wɔ wɔn daadaa abrabɔ mu.

anya wɔn so tumi

Page 2: 16 anya wɔn so tumi 26 18 27 filekakraabi a afei deɛ ayɛ den ama wɔn sɛ, wɔbɛsua kasa foforɔ, anya adwuma ayɛ, na woahunu sɛ, wɔte yie. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔwɔ akyirikyiri,

8 Maamefoɔ ne nɛɛsefoɔ a, wɔrehwɛ mmɔfra a. “land mines” adi wɔn dɛm, na ebɛhia apɔmuoden hwɛ, ne mmoa a, emu

yɛ duru paa ama wɔn abrabɔ wɔn nkwa nyinaa.

9 Project Hannah Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ Dwumadie bɛnya kasafidie so adamfoɔ a ɔbɛte wɔn amanehunu

ne wɔn yaw no ase. Bɔ mpaeɛ sɛ, wɔbɛte nkuranhyɛ nsɛm a ɛbɛboa wɔn ama woagyina pintinn wɔ ɔhaw ahdoɔ mu. (Efisofoɔ:6:13-14).

10 Ntɔkwa akunafoɔ a wɔn abusuafoɔ tee tee wɔn na anso akwanya ketewaabi na ɛwɔ a wɔde bɛnya adwuma ayɛ

ahwɛ wɔn ho ne wɔn mma. Bɔ mpaeɛ m ɔsom nnwuma a ɛrema nasano nnwuma ho nteteɛ ahodoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mmaa bɛnya akatua pa de ayhwɛ wɔn ahiadeɛ.

11 Tukɔtenafoɔ mmaa bɛnya akokuoduro ne nkabɔmu asɔre ako atia mmɔnaatoɔ tantan a, ɛkɔ so wɔ wɔn nsraban

mu. Bɔ mpaeɛ nso sɛ, mmarima nso de wɔn ho bɛhyɛ mu, ayɛ nhwɛsoɔ de atete mmarima foforɔ fa suban pa ne kwan pa a, ɛsɛ sɛ wɔde mmaa fa so.

12 Mmaa a wɔtie Mmaa a wɔwɔ anidasoɔ Dwumadie wɔ aman a, ntɔkwa, abusua ntawantawa ne nhyɛsoɔ kuo

ahodoɔ ama ohia ne ahokyerɛ aba hɔ. Bɔ mpaeɛ ma mmaa a wɔwɔ Afganistan, Albania, Algeria Angola, Cambodia, China, Cuba, ne Democratic Republic of Congo, Republic of Congo, Ethiopia, Haiti, India, Iraq, Iran, Kenya, Laos. Lebanon Liberia Mexico Mmyanmar, Nepal, NorthKorea, Somali, Sri Lanka, Syria, Tajikistan, Thailand, Turkmenistan, Turkey, Ukraine, Uzbekistan, ne Vietnam sɛ wɔbɛnya Nyankopɔn asomdwoeɛ, ɛnfa ho ne tebea a wɔwɔ mu.

13 Asomdwoeɛ bɛba ama nnipa a wɔwɔ Democratic Republic of Congo Apuei fam wɔ mfeɛ bebree akyi a,

ntawantawa siiɛ, a nnipa bɛyɛ ɔpepem mmiensa wuiɛ. Bɔ mpaeɛ ma mmaa ne mmaayewa a ntɔkwa no agya wɔn adwendwen. Nnipa dodoɔ no ara na woato wɔn mmɔnaa, adi wɔn awu, na woagu wɔn anim ase. Bɔ mpaeɛ sɛ, wɔn a woafa amanehunu yi mu no bɛnya ayaresa a efiri Nyankopɔn nkoaa hɔ.

14 Akristofoɔ a wɔyɛ wɔn ayakayakadeɛ, hwe wɔn de wɔn to afiase na wɔkum wɔn wɔ Ethiopia, Egypt, India,

Indonisia, Nigeria, Noth Korea ne aman bebree so. Bɔ mpaeɛ ma Asɔre a wɔtae wɔn, na afei nso, wiase akandifoɔ bɛbɔ Akristofoɔ faahodie ho ban, na woahwɛ sɛ. wɔbɛyɛ wɔn yie.

15 Tukɔtenafoɔ Akristofoɔ mpempem a, wɔtu firii wɔn fie ɛnam sɛ, wɔde owuo hunahunaa wɔn na wɔfaa nneɛma

SANAA BOSOME 2013 • YƐREBƆ MPAEƐ AMA M MAA A, NTƆKWA ANYA WƆN SO TUMI

P r o j e c t H a n n a h • P O B o x G P 1 3 9 9 3 , A c c r a - G h a n a • Te l : 0 2 4 - 4 6 3 - 2 0 5 7 • i n f o @ p h a f r i c a . o r g • w w w. p h a f r i c a . o r g

esrɛ wo, bɔ mpaeɛ ma …tɔkwa a, atwa wiase ho ahyia no reseɛ nnipa pii abrabɔ. Nneɛma a ɛyɛ hu a, nnipa binom de yɛ wɔn yɔnko nnipa

no yɛ akomatuo. Kutwa a ntɔkwa de ba tumi kyɛre paa ansa na afiri woadwene mu. Ɛkɔm ne yadeɛ a ɛsi wɔ ntɔkwa mu, ne atuateɛ kum nnipa paa kyɛn ntɔkwa no ankasa mpo. Ɛsɛ sɛ, mmaa dodoɔ no ara pɛ ɔkwan pa a, wɔde bɛgye wɔn ho afiri saa awurukasɛm ne mmɔnaatoɔ yi a, wɔtaa de yɛ ntɔkwa akodeɛ no.

Wɔn a wɔnya kwan dwane kɔbɔ wɔn ho adwaa wɔ tukɔtenabea ahodoɔ, kwaeɛbrɛntuo mu, anaasɛ aman ahodoɔ so no fa ɔhaw ahodoɔ mu paa. Mmaa bebree tu kwan a, wɔn papanom, wɔn nuanom anaasɛ wɔn kununom mpo nka wɔn ho, na wɔn wɔne mmarima kuo nam no taa hyia ateetee, mmɔnaatoɔ, ɔhyɛ adwamanmmɔ, ne ohia a, ɛmmoa wɔn wɔ berɛ a, wɔrepɛ aduane ne banbɔ ama wɔn mma nso. Abusua ahodoɔ no ara a, wɔfa ɛkɔm mu no tɔn wɔn mma mmaa de tua wɔn dan ka, na wɔsan nso de bi hwɛ abusua a, aka no.

Project Hannah ahofamafoɔ kɔsra wɔn a wɔrehunu amane ɛnam basabasa a ɛsii wɔ Afrika, Asia, Europe ne Amerika man mu. Mmaa a wɔrehwehwɛ nnafonom no hyia wɔ Hanna h Fie a, ɛwɔ Sweden, sua sɛdeɛ wɔbɛnya ahotɔsoɔ bio, anya anidasoɔ, na woatie Nyankopɔn dɔ a, ɔwɔ ma wɔn no ho nsɛm. Mmaa a wɔwɔ Albania, Cambodia, Croatia, Liberia, Vietnam, ne aman ahodoɔ pii so no nya nimdeɛ ho nteteɛ ne nkuranhyɛ mmerɛ pii a ɔko no atwa mu mpo.

Sɛ Akristofoɔ bɛma wɔn ho kwan, ama Nyankopɔn de wɔn ayɛ adwuma, na woafiri wɔn ahotɔ abrabɔ mu ahwɛ wɔn a ntɔkwa ama wɔn abrabɔ ateteapansam no a, anka Nyankopɔn bɛtumi asa wɔn a wɔrehunu amaneɛ no yadeɛ.

Project Hannah dwumadie baako a woato ne din sɛ“Flagship” no rema mmaa a wɔfiri aman a ntɔkwa aseɛ hɔ no anidasoɔ efiri afe apem, ahakron aduokron nnwɔtwe (1998). Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ kasafidieso dwumadie foforɔ wɔ Arabic, Farsi, Somali, ne Turkish reduru mmaa bebree a wɔwɔ aman a, ntɔkwa asi so pɛn. Ɛfiri afe apem ahaanu ne dunan (2014) rekorɔ no, Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ dwumadie a ɛwɔ Dali de Nyankopɔn asɛm bɛma mmaa a, wɔwɔ Afghanistan, Iran atifi afam, ne aman a, atwa wɔn a wɔkasa ma saa kasa titiriw no ho ahyia no nyinaa.

N M1 Mmaamefoɔ a wɔwɔ baabi a ntɔkwa ne atowerɛnkyem,

akyi no, wɔrebɔ mmɔden de nneɛma kakraabi a wɔwɔ te sɛ, aduane, nsupa, anyinam nkanea ne ahoteɛ ho banbɔ ahwɛ wɔn abusua. Owuo dodoɔ a ɛtaa si no dodoɔ no ara gyina nsuo a ɛwe wɔ nnipa ho, ayamtuo a efiri “cholera,” yadeɛ a firi nsuo a ɛnyɛ a, wɔde dware san de noa aduane.

2 Somaliafoɔ mmaa a, wɔadwane afiri wɔn man a ntɔkwa ama hɔ ateteapansam no. Bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdwane

firi amammerɛ nhyehyeɛ a, adi wɔn so wɔ wɔn abrabɔ nyiaa so no. Bɔ mpaeɛ nso ma Akristofoɔ mmaa a wɔhyehyɛ Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ Dwumadie wɔ Somalia ne bosome bosome mpaebɔ asranaa a, ɛma mmaa a wɔwɔ Somalia anidasoɔ ne mmaa a, wɔwɔ wiase afanan nyinaa.

3 Wɔn a ntɔkwa ama wɔn nkuro ne nkuraase atetenpansam, na ama wɔn mu dodoɔ no ara rebisa abrabɔ ne ne botaeɛ

ho nsɛm. Bɔ mpaeɛ sɛ, wɔbɛnya akwanya bi de atie TWR kasafidieso dwumadie, na woanya suahunu wɔ Nyankopɔn dɔ, N”asomdwoeɛ ne ne Nkwagyeɛ mu.

4 Nyankopɔn nnwosra mma Project Hannah Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ a, wɔde brɔfo kasa twerɛ nkrataa, ma

wɔtumi kyerɛ aseɛ wɔ kasa hodoɔ bɛyɛ aduosia a, ɛnam kasafidie dwumadie so reduru amammerɛ pii mu.

5 Tukɔtenafoɔ bɛboro ɔpepem baako ne ahanum (1.5 million) a woadwane afiri aturutrasɛm a, ɛrekɔso wɔ Syria man mu,

wɔn mu dodoɔ no ara na wɔfa ɔhaw ne ateeteeɛ wɔ ɔman a, wɔntumi nyɛ adwuma wɔ mpo. Bɔ mpaeɛ ma agyidifoɔ a wɔwɔ Finland, Jordan, Sweden, ne aman nkaeɛ a, wɔde Oyankopɔn asɛm rema wɔn a, wɔnni baabi teɛ na bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na nnipa dodoɔ no ara bɛtie Mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ Dwumadie wɔ Arabiɔ biɔ kasa mu, ama woate Oyankopɔn nokorɛ nsɛm a, wɔntee bi da no ase.

6 Nyankopɔn awerɛkyekyerɛ bɛkata mmaa wɔn werɛ aho, wɔ saa berɛ a, wɔregye nneɛma bɔne, awudisɛm ne awurukasɛm

a, ntɔkwa de ba no ato mu. Bɔ mpaeɛ sɛ, obɛgye wɔn afiri ɔyaw, amanehunu ne ayonkofa a aseɛ mu, na ɛde nkabɔmu ne asomdwoeɛ aba wɔn fie ne wɔn mmatamu.

7 Onyame nnwosra mma wɔn a wrehyehyɛ Dali mmaa a wɔwɔ Anidasoɔ Dwumadie. Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na biribiara nsi

da a woatu asi hɔ wɔ afe 2014 mu a, wɔde bɛhyɛ aseɛ akɔ TWR kasafidie foforɔ no so.